Psalms 46

Koramma dwom. Wɔto no “alamot” sanku nne so.


1 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden,
amanehunu mu boafo a ɔwɔ hɔ bere biara.

2 Enti sɛ asase ani dan butuw,
na mmepɔw tutu kogu po ase a, yɛrensuro,

3 sɛ po bɔ asorɔkye na ehuru
na ɛma nkoko wosow mpo a, yɛrensuro.


4 Asuten bi wɔ hɔ a
ne nsuwansuwa de anigye ba Onyankopɔn kuropɔn mu,
beae kronkron a Ɔsorosoroni no te.

5 Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase;
Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.

6 Amanaman yɛ hoo, na ahenni hwehwe ase;
ɔma ne nne so ma asase nan.


7 Asafo Awurade ka yɛn ho.
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.


8 Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma,
ɔsɛe a ɔde aba asase no so.

9 Ɔma akodi gyae kosi asase ano.
Obubu agyan mu na ɔsɛe peaw;
ɔde ogya hyew nkatabo.

10 Monyɛ komm na munhu sɛ me ne Onyankopɔn;
wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu,
wɔbɛma me so wɔ asase so.


Asafo Awurade ka yɛn ho;
Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn aban.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

11
Copyright information for TwiAKNA